Psalms 60

Ogye ho mpaebɔ

1Woapo yɛn,
Onyankopɔn, adi yɛn so; wo bo afuw yɛn nanso afei, dan wʼani kyerɛ yɛn.
2Woama asase no awosow na woapae mu; afei sa nʼapirakuru no, efisɛ, emu retetew.
3Woama wo nkurɔfo ahu amane yiye; yɛtɔ ntintan sɛ wɔn a wɔabobow nsa.
4Woabɔ wɔn a wosuro wo no kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi afobu mu.
5Fa wo tumi gye yɛn.
Gye yɛn mpaebɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye nnipa a wodɔ wɔn no.
6Onyankopɔn akasa afi Kronkron mu Kronkron se, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na makyekyɛ Sukot bon no mu ama me nkurɔfo.
7Gilead ne Manase wɔ me, na Efraim yɛ me dade kyɛw, ɛnna Yuda yɛ mʼahenni akyeampoma.
8Moab bɛyɛ me guaresɛn na matow me mpaboa agu Edom so de akyerɛ sɛ ɛyɛ me de.
Filistifo no susuwii sɛ wɔbɛteɛm sɛ wɔadi me so nkonim anaa?”
9O Onyankopɔn, hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔabɔ ho ban no mu?
Hena na ɔde me bɛkɔ Edom?
10Nokware sɛ woapo yɛn?
Ɛnyɛ yɛn asraafo na wode wɔn betu sa?
11Boa yɛn tia atamfo no.
Ɔdasani mmoa nka hwee.
12Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim.
Obedi yɛn atamfo so.
Copyright information for TwiNAK